Gospel AllStars - W'aseda nie
Song: W'aseda nie
Artiste: Gospel AllStars
Album: W'aseda nie
Verse 1
M'akoma redi ahurusie
Awurade aboa me o
Ɔbɔnefoɔ atadue mu abubu
Ama m'anisuo nyinaa adane m'anigyie
Awurade na ɔma, ɔno ara na ɔgyeɛ o
Ɔwɔ brɛ de ma ɔdasani biara
Sɛ wo mmerɛ ɛmmayɛ a, to wo boase o, onua
Ma yɛn mpaebɔ tiefoɔ
Ɔhunu ɔnnibie mɔbɔ
Sɛ wobɛfiri bɔne mu ayɛ papa a
Ɛnka wobɛhunu sɛ yɛ Nyame tease
Woahwehwɛ me afiri me mmɔfrase
Ɛde abɛduru mempanin fie so
Adeɛ baako a mehunuu da ne sɛ
Me Nyankopɔn nso nni me nhwamɔ wae
Chorus 2x
Ɔbaatanpa e, w'ayeyie nie o
Me Nyame e, woama masere
Ɔhene keseɛ e, w'ayeyie nie o
Woama m'anisuo adane m'anigyie
Verse 2
Woan nkwaa, m'aseda nie o
Woama me honhom asane no
Awurade ayi me afiri ohia mu
Ama nnipa nyinaa frɛ nhyira ba
Mamento m'awurade ho nnwom
Na ne tumi boro tumi nyinaa so
Apɔnkɔ ne apɔnkɔsetofo nyinaa ara
Yesu aka wɔn agu tokoro no mu
Woatene wonsaɛ adɔyɛ mu
Woako agye wo man
Ewiase nyinaa ara bɛte ahunu sɛ
W'asi dan no, adansefo yɛ kwa
Wo nkoa ahyɛ n'anioba Awurade
Yɛnsom wɔ ahunu biom wae
Yɛbɛyere yɛn ho asom ne kwan no
Ama woakyerɛ yɛn asomdwoe kwan no o
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Nhyira nka wo yɛn Nyankopɔn
Agya woako agye wo man
Wo ne yɛn agyanom kɔ'am akwam bi na
Na woama n'abɛm yen akyireɛn mmrɛ so
Awurade e ara ne y'ahoɔden
Ɔno ara ne yɛn twitwagyefoɔ
Ɔde nnwom foforɔ bi ahyɛ y'ano nnɛ
Yɛn Nyankopɔn, dombarima no o
Ɔtene bɛn afu adeɛ so
Na woahu ahiafoɔ mɔbɔ
Woahwɛ deɛ Ekom de no furu mu
Ama etirimuɔdenfoɔ hunu amane
Woan koraa na ɔne wo sɛ
Israel kronkon nie
Wonsa ano nnwuma kyerɛ sɛ
Obiara nni hɔ a, ɔne wo sɛ, Awurade e
Repeat Chorus till fade


Beijing condemns US move to blacklist Chinese companies
Trump gets a cold reception at NBA Finals game as Spurs beat Knicks
One dead, fire officer hospitalised after bee attack at Quarry Site in Sokode Gb...
Israel and Iran step back from further strikes after renewed clashes
Patients stranded as doctors, nurses refuse to see new patients over KATH CEO su...
Avenor Rural Bank CEO’s house destroyed by fire
Here are areas to be affected by ECG's planned maintenance on Tuesday
Family of civil engineer killed in alleged military shooting demands justice
SHS teacher allegedly beats female student over unpaid hostel fees
Blow to EU defence cooperation as France, Germany abandon joint fighter jet prog...

Comments
Nice site!